Psalms 110

Dawid dwom.


1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura se,
“Tena me nifa so
kosi sɛ mede wʼatamfo
bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”


2 Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;
na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.

3 Wʼasraafo beyi wɔn koma mu
da a wobɛkɔ ɔsa.
Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade
na wo mmabun bɛba wo nkyɛn
sɛnea obosu gugu anɔpahema.


4 Awurade aka ntam
na ɔrensesa nʼadwene:
“Woyɛ daapem sɔfo
sɛ Melkisedek sɛso.”


5 Awurade wɔ wo nifa so;
ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.

6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;
na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.

7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu
enti obedi nkonim.
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,
na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.
Copyright information for TwiAKNA